0
user TeacherDora Admin
25th Apr, 2025 8:27 PM
BECE

BECE 2010 - GHANAIAN LANGUAGE

Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 1

PAPER 1

45 minutes


Answer all the questions


Yi mmuae A-D yi mu biako a ɛyɛ pa a ɛfa Akanfo  abusuabɔ ho.


1. Saa nnipa yi mu nea ɔwɔ he na ɔyɛ wo papa busuani? Wo papa

A. Akonta

B. Ba

C. Sewaa

D. Wɔfa


2. Sɛ Akanfo ka se bogya a, na ɛkyerɛ dɛn?

A. Abusua

B. Adamfo

C. Akyiwade

D. Aware


3. Akanfoɔ wɔ gyidi sɛ onipa biara wɔ ɔkra ne sunsum. Kyerɛ din foforo a yɛde frɛ sunsum.

A. Abusua

B. Bogya

C. Ntɔn (Ntorɔ)

D. Saman


4. Kyerɛ nea enti a ɔba ne ɛna yɛ abusuafo.

A. Wɔbɔ abusua koro

B. Wɔbɔ ntɔn koro

C. Wɔwɔ adwene koro

D. Wɔwɔ sunsum koro


5. Ɔkwan bɛn so na Akanfo nam bɔ agya abusua?

A. Abusuabɔ

B. Awareɛ

C. Kunayɛ

D. Owu


6. Sɛ wo papa ware mmea baanu a, ɔbaa biako no yɛ wo maame dɛn?

A. Abanoma

B. Akumaa

C. Kora

D. Sewaa


7. Nneyɛe a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ akyiwade? Sɛ woware….

A. Wo Papa ba

B. Wo Sewaa ba

C. W’adamfo ba

D. Wo Wɔfa ba


8. Dεn  na ɛma obi hu sɛ ɔne ɔfoforo  som agya bosom biako? Sɛ…

A. Wɔbɔ abusua koro

B. Wɔn akyiwade yɛ pɛ

C. Wɔfiri kurow  biako

D. Wɔyɛ bogya korɔ


9. Abusua bɛn na wɔgye di sɛ wɔde ogya baa wiase?

A. Aduana

B. Asona

C. Ɔyoko

D. Biretuo


10. Abusua bɛn na wɔne akraboa din sɛ?

A. Aduana

B. Agona

C. Asona

D. Ɛkoɔna


Yi mmuaeɛ A-D yi mu biako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ adedi ne ahensɛm ho.

11. Sɛ wɔpaw ɔhene foforo a, wɔde no kɔkyerɛ ……..kan.

A. Abakomahene

B. Amankrado

C. Gyaasehene

D. Sanaahene


12. Berɛ bɛn ban a woyi odiadefo?

A. Adaduanan du a

B. Da a onipa no bɛ wu no

C. Wɔnom sikasa wie a

D. Wɔyɛ dɔteyie wie a


13. Abusua bɛn mu na wɔyi odiadefo firi?

A. Okunafo abusua mu

B. Owufo no abusua mu

C. Owufo no papa abusua mu

D. Ɔhene abusua mu


14. Sɛ obi …….ampene a, onii no ntumi nni obi adeɛ.

A. Maame

B. Nana

C. Papa

D. Wɔfa


15. Nnipa baanu bɛn na wɔbɔ mu si ɔhene anan mu?

A. Ɔhemaa ne Abusuapanin

B. Ɔhemaa ne Amankrado

C. Ɔhemaa ne Gyaasehene

D. Ɔhemaa ne Dabehene


16. Toa asɛm yi so; Sɛ niwaa mma nsaeɛ a…..nni ade.

A. Maame

B. Nana

C. Onua

D. Wɔfaase


17. Nkroma te hɔ a Badu nni ade. Eyi kyerɛ sɛ…….

A. Abɔfra wɔhɔ a, ɔpanyin nni ade

B. Badu mma nkroma nni ade

C. Wɔfaase wɔhɔ a onua nni ade

D. ɔpanin wɔ hɔ a, abɔfra nni ade


Yi mmuae A-D yi mu biako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfo  afahyɛ  ho.

18. Aboa bɛn na Simpafo kyere de di Aboakyere afahyɛ?

A. Ɔkankane

B. Ɔnwansane

C. Ɔsebɔ

D. Ɔtorɔmo


19. Kyerɛ botae a Akyemfo gyina so de di Ohum.

A. Wɔde frɛ dɔm

B. Wɔde gye wɔn ani

C. Wɔde huro ɔkɔm

D. Wɔde sua amammerɛ


20. Ɛhefo na wɔdi Akwantukɛse afahyɛ?

A. Akuapemfo

B. Bonofo

C. Dwaben foforofo

D. Kwawufo


21. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware?

A. Afahyɛ de ɛka ba

B. Afahyɛ kyerɛ abusua ase

C. Afahyɛ ma yɛhu amammerɛ

D. Afahyɛ sɛe berɛ kwa


22. Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔhwɛ Bakatue afahyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ…………

A. Ɛdena

B. Akyemfo

C. Odwaa

D. Simpa


23. Afahyɛ bɛn na Akuapemfo di?

A. Akwammɔ

B. Apoɔ

C. Ohum

D. Odwira


24. ………..yɛ amammerɛ bi a ɛkyerɛ da titiriw bi a atwa mu wɔ ɔman bi abrabɔ mu.

A. Afahyɛ

B. Anansesɛm

C. Bragoru

D. Nsagu


Yi mmuae A-D yi mu biako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfo mmɛ ho.

25. Toa ɛbɛ yi so. Etire nte sɛ borɔfere  na……..

A. Yɛabue so 

B. Yɛapae mu

C. Yɛatwam

D. Yɛawoso


26. Kontromfi se: me suman ne ……

A. M’adwene

B. M’ani

C. Me nan

D. M’aso


27. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokware?

A. Yɛde ɛbɛ kyerɛ kasakoa ase

B. Yɛde ɛbɛ toa ɛbɛ so

C. Yɛde ɛbɛ twa asɛm tenten tiawa

D. Yɛde ɛbɛ si kasakoa anan mu


28. Mpanin se; Nsamanpom soduro, wo ni wu a, na ………asa.

A. W’abusua

B. Wo nkorɔfo

C. Wo nnamfonom

D. Wo nuanom


29. Anomaa antu a, ………

A. ɔbua da

B. ɔgyina hɔ

C. ɔsi faako

D. ɔte hɔ


Yi mmuae A-D yi mu biako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfo atetesɛm ne anansesɛm ho.

30. Hwan na tete no na wɔse ɔwe aburowpata no?

A. Aduobi Ata

B. Ampomfi

C. Asebu Amanfi

D. Atakora


31. Tete no na wɔse Onyankopɔn bɛn nnipa. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ sorosoro?

A. Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no

B. Abɔfra bi tia ne nan so

C. Obi hwiee nsu guu ne so

D. Papa bi too ɔbo bɔɔ no


32. Dwom a atiefo to wɔ anasesɛm mu no wɔfrɛ no dɛn?

A. Abraa braa

B. Aho

C. Mmogu

D. Nnwonkorɔ


33. Anansesɛm botae titiriw ne sɛ…..

A. Wɔde bɔ nkɔmmɔ

B. Wɔde gyegye mmofra agoru

C. Wɔde tu fo

D. Wɔde twa asɛm tiawa


34. Anasesɛm mma mu nea  ɔwɔ he na ɔyɛ anite pa ara?

A. Akokɔ Antwiwaa

B. Ananse

C. Ntikuma

D. Ɔkraman


35. Sɛ yɛka sɛ anansesɛm mfimfini a na ɛkyerɛ……

A. Anansesɛm no ankasa

B. Anansesɛm no awiei

C. Mmogu

D. ɔfrɛ


Yi mmuae A-D yi mu biako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfo agoru ne adwuma mu nnwom ho.

36. Sisiri mbo, tabon mbo. Adwuma bɛn mu dwom ni?

A. Ahayε

B. Kuayε

C. Ntomanwene

D. Apokɔ


37. Antoakyire yɛ mmɔfra agoru no mu biako. Kyerɛ ne botae.

A. Ahoɔden

B. Ahwɛyie

C. Nnamfofa

D. Papayɛ


38. Toa saa dwom yi so: Dedendee Kwaw, Dedendee Kwaw, Agya Bɔfoɔ ne nkwan yɛ me dɛ nanso……

A. N’ataade yɛ me tumm

B. Ne mpaboa yɛ me kɔɔ

C. Ne nam yɛ me dɛ

D. Ne tuo ho yɛ me tumm


39. Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛdeɛ…..

A. nkurɔfo bɛte ne nne

B. nnipa bɛhu sɛ ɔwɔ hɔ

C. ɔbenya aboafo

D. ɔrente ɔbrɛ


40. Nea edidi so yi mu nea ɛwɔ he na ɛnyɛ Akanfo agoru?

A. Ahayɔ

B. Antoakyire

C. Asɔba

D. atentam



Share This Article

Comments

Leave a comment